Publicidade

Salmos 11

Dawid dwom.

1 Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.

Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ,

"Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.

2 Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu,

na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so

sɛ wɔbɛto wɔ esum mu

de awɔ akoma mu ahotefoɔ.

3 Sɛ wɔresɛe fapem no a,

ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?"

4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;

Awurade te ne soro ahennwa so.

Ɔhwɛ nnipa mma,

nʼani hwehwɛ wɔn mu.

5 Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu,

na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ,

ne kra kyiri wɔn.

6 Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ

agu Amumuyɛfoɔ so;

na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.

7 Awurade yɛ ɔteneneeni,

na ɔpɛ atɛntenenee;

wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ "Seminit" sankuo nne so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-