Publicidade

Salmos 113

1 Monkamfo Awurade.

Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no,

monkamfo Awurade din.

2 Momma wɔnkamfo Awurade din,

seesei ne daa nyinaa.

3 Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ,

ma wɔnkamfo Awurade din.

4 Wɔama Awurade so aman nyinaa so,

nʼanimuonyam tra ɔsorosoro.

5 Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn,

Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro,

6 ɔno na ɔbɔ ne mu ase

hwɛ ɔsorosoro ne asase.

7 Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu

na ɔpagya onnibie firi nso sie so;

8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,

wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu.

9 Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie

sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ.

Monkamfo Awurade.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-