Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 137

1 Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ

ɛberɛ a yɛkaee Sion no.

2 Ɛhɔ nsukakye nnua so

na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ,

3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom,

yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn ahurisie nnwom;

wɔkaa , "Monto Sion nnwom baako mma yɛn!"

4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom

ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so?

5 Ao Yerusalem, mewerɛ firi wo a

ma me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ.

6 mankae wo mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a,

ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu.

7 Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛ

ɛda a Yerusalem hwee ase no.

Wɔteam , "Monnwiri,

monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!"

8 Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ wɔbɛsɛe wo,

nhyira nka deɛ ɔtua wo ka

deɛ wode ayɛ yɛn so.

9 Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaa

de wɔn bobɔɔ abotan so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também