Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 123

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Mema mʼani so kyerɛ wo,

wo a wʼahennwa si ɔsoro.

2 Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no,

sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no,

saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn

kɔsi ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ.

3 Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ,

na wɔabu yɛn animtia bebree.

4 Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo;

ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também