Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 52

Dawid "maskil" dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, "Dawid akɔ Ahimelek fie" no.

1 Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho?

Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa,

wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so?

2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ;

ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe.

Wo a wotwa nkontompo nko ara.

3 Wʼani gye bɔne ho sene papa,

wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ.

4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba,

Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ!

5 Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo;

ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu;

Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so.

6 Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro;

wɔbɛsere no na wɔaka sɛ,

7 "Hwɛ, onipa no nie

deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden

na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so

na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!"

8 Nanso, mete sɛ ngo dua a

ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie:

mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so

daa nyinaa.

9 Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti;

wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ.

Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde "mahalat" sankuo nne na ɛto.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.