Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 12

Dawid dwom.

1 Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa;

nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.

2 Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko;

wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano

ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;

4 wɔn a wɔse, "Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim;

yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?"

5 "Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no

ne ohiani apenesie no enti,

mɛsɔre afei," Awurade na ɔseɛ.

"Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho."

6 Awurade asɛm yɛ nokorɛ

te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu,

na wɔahoa ho mprɛnson.

7 Ao Awurade, wobɛkora yɛn

na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,

8 abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ

ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.