Publicidade

Salmos 32

Dawid dwom.

1 Nhyira ne wɔn a

wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn,

na wɔakata wɔn bɔne so.

2 Nhyira nka onipa a

Awurade mmu ne bɔne ngu ne so,

na nnaadaa nni ne honhom mu.

3 Ɛberɛ a meyɛɛ komm no,

me nnompe yɛɛ mmrɛ

apinie a mesii no da mu nyinaa enti.

4 Awia ne anadwo

wo nsa yɛɛ den wɔ me so;

mʼahoɔden saeɛ

sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ.

5 Afei, megyee me bɔne too mu.

Mankata mʼamumuyɛ so.

Mekaa sɛ, "Mɛka

me bɔne akyerɛ Awurade,"

na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me.

6 Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ

ɛberɛ a wɔhunu woɔ;

ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a,

ɛrenka no.

7 Wone me hintabea;

wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu

na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.

8 Mɛkyerɛkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa soɔ

mɛtu wo fo na mahwɛ wo so.

9 Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a

ɔnni nteaseɛ enti

wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no

sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.

10 Ɔmumuyɛfoɔ amanehunu dɔɔso,

nanso Awurade adɔeɛ a ɛnsa da no,

ɛtwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.

11 Monni ahurisie na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo teneneefoɔ;

monto dwom, mo a mo akoma mu teɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-