Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 95

1 Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade;

momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.

2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,

na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.

3 Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ,

ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so.

4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ,

na mmepɔ mpampam wɔ no.

5 Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ,

na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no.

6 Mommra mma yɛnkoto nsom no.

Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim!

7 Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn;

yɛyɛ nʼadidibea nnipa,

ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so.

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

8 mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no,

sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no,

9 Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ,

a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn.

10 Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan

na mekaa sɛ, "Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,

na wɔanhunu mʼakwan."

11 Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ,

"Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.