Publicidade

Salmos 13

Dawid dwom.

1 Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa?

Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me?

2 Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ

na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa?

Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?

3 Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn.

Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna.

4 Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, "Madi ne so nkonim."

Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.

5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;

mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu.

6 Mɛto dwom ama Awurade,

ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-