Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 131

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu,

na mʼani ntraa ntɔn;

memma nsɛm akɛseɛ nha me

anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me.

2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam

te akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no,

te akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no,

saa ara na me kra ayɛ me mu.

3 Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so,

seesei ne daa nyinaa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também