Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 43

1 Ao Onyankopɔn, bu me bem,

na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me;

gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam.

2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden.

Adɛn enti na woapo me?

Adɛn enti na ɛsɛ menantenante twa adwo

mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?

3 Soma wo hann ne wo nokorɛ

ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan;

ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so,

faako a woteɛ .

4 Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim

mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn.

Mede sankuo bɛyi wo ayɛ,

Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn.

5 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?

Adɛn enti na woteetee me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

Dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também