Publicidade

Salmos 46

Kora mma dwom. Wɔto no "alamot" sankuo nne so.

1 Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden,

amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara.

2 Enti sɛ asase ani dane butu

na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,

3 sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru

na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.

4 Asutene bi wɔ hɔ a

ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu,

beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ.

5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;

Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.

6 Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase;

ɔma ne nne so ma asase nane.

7 Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho.

Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.

8 Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma,

ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so.

9 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano.

Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea;

ɔde ogya hye nkataboɔ.

10 Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn;

wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,

wɔbɛma me so wɔ asase so.

11 Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho;

Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_06-50-08-