Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 45

Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom.

1 Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma

ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no;

me tɛkrɛma ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua.

2 Wodi mu mmarima mu

na wɔde adom bi asra wʼano,

ɛsiane Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti.

3 Fa wʼakofena wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ;

fa animuonyam ne kɛseyɛ fira.

4 Fa wo kɛseyɛ mu wʼanim nkonimdie so

nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu;

ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi.

5 Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu;

na ma amanaman nhwe wo nan ase.

6 Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena daa daa;

tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma.

7 Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne.

Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,

na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.

8 Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa;

sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu

ma wʼani gye.

9 Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho;

wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.

10 Ao ɔbabaa tie, dwene ho na ɔsetie;

ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie.

11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;

di no nni, ɛfiri ɔno ne wo wura.

12 Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba;

mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13 Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no onimuonyamfoɔ

wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu.

14 Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene;

ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi

na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.

15 Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ mu;

wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie.

16 Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu

wobɛyɛ wɔn mmapɔmma asase no so nyinaa.

17 Mɛma wɔakae wo awontoatoasoɔ nyinaa mu;

ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também