Publicidade

Salmos 147

1 Monkamfo Awurade.

Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn,

ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no!

2 Awurade kyekyere Yerusalem;

Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano.

3 Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ

na ɔkyekyere wɔn akuro.

4 Ɔnim nsoromma no dodoɔ

na ɔde obiara din frɛ no.

5 Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛseɛ;

yɛrente nʼase nwie.

6 Awurade wowa ahobrɛasefoɔ

na ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam.

7 Monto aseda nnwom mma Awurade.

Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn.

8 Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;

ɔde osutɔ ma asase

ma ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so.

9 Ɔma anantwie aduane

na sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane.

10 Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ

na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.

11 Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wɔsuro no,

wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no.

12 Momma Awurade so, Ao Yerusalem;

kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion,

13 ɔma wʼapono akyi adaban yɛ den

na ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu.

14 Ɔma wʼahyeɛ so dwo

na ɔde ayuo amapa ma wo.

15 Ɔsoma nʼahyɛdeɛ kɔ asase so;

nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.

16 Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi,

na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ.

17 Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea.

Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano?

18 Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no;

ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene.

19 Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,

ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.

20 Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara;

wɔnnim ne mmara.

Monkamfo Awurade!

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-