Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 58

Dawid "miktam" dwom.

1 Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa?

Mobu atɛntenenee nnipa mu anaa?

2 Dabi! Modwene ntɛnkyea mʼakomam

na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.

3 Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu;

wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ.

4 Wɔn ano ɛborɔ te ɔwɔ deɛ.

Ɛte ɔprammire a watɛn nʼaso,

5 a ɔnte ntafowayifoɔ dwom,

na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho.

6 Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom,

Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu!

7 Ma wɔntwa mu nkɔ nsunsuan;

wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.

8 Ma wɔnyɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene .

Ma wɔnyɛ ɔba a ɔwu awoeɛ na ɔnhunu owia.

9 Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea,

ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ.

10 wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye,

na wɔbɛhohoro wɔn nan ho amumuyɛfoɔ mogya mu.

11 Afei nnipa bɛka , "Ampa ara, ateneneefoɔ so nya wɔn akatua;

na ampa ara Onyankopɔn bi a ɔbu ewiase atɛn."

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também