Publicidade

Salmos 61

Dawid dwom.

1 Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ;

tie me mpaeɛbɔ.

2 Mefiri asase ano frɛ wo,

mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha;

fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so.

3 Woayɛ me dwanekɔbea,

aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.

4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ

na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.

5 Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn;

na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.

6 To ɔhene nkwa nna mu bebree;

na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.

7 Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa.

Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban.

8 Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa

na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_06-50-08-