Publicidade

Salmos 97

1 Awurade di ɔhene, ma asase ani nnye;

ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho.

2 Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia;

tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem.

3 Ogya di nʼanim

na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa.

4 Nʼanyinam hran ewiase;

asase ahunu, na ne ho popo.

5 Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim,

Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.

6 Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ

na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam.

7 Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase,

wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no,

anyame nyinaa monsɔre no.

8 Sion te, na ne ho sɛpɛ no

na Yuda nkuraase ani gye

Ao Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti.

9 Wo, Ao Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa;

wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.

10 Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyiri bɔne,

ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho ban

na ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam.

11 Hann to gu teneneefoɔ so

na anigyeɛ ba wɔn a wɔn akoma mu teɛ so.

12 Momma mo ani nnye Awurade mu, mo teneneefoɔ nyinaa,

na monkamfo ne din kronkron no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-