Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 150

1 Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade ne kronkronbea;

monkamfo no ɔsoro tumi mu.

2 Monkamfo no ne tumi mu nneyɛɛ ho;

monkamfo no ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho.

3 Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no,

momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no,

4 momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no,

momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,

5 momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no,

momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no.

6 Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também