Publicidade

Salmos 6

Dawid dwom.

1 Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu,

na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.

2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ;

Ao Awurade sa me yadeɛ

na me nnompe wɔ ahoyera mu.

3 Me kra wɔ ahohia mu.

Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn?

4 Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa;

gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti.

5 Obi a wawuo no renkae wo da,

hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ?

6 Apinisie ama mayɛ mmerɛ.

Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa

na me nisuo fɔ me sumiiɛ.

7 Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu.

Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti.

8 Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho,

ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ.

9 Awurade ate me mmɔborɔ su;

Awurade tie me sufrɛ.

10 Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase

na wɔn ho adwiri wɔn;

na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-