Publicidade

Salmos 143

Dawid dwom.

1 Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ,

tie me nkotosrɛ;

wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mu

bra bɛboa me.

2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu,

na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim.

3 Ɔtamfoɔ no taa me,

ɔbɔ me hwe fam;

ɔma me tena esum mu

te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada.

4 Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu;

na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu.

5 Mekae tete nna no;

medwendwene wo nnwuma

ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.

6 Mepagya me nsa kyerɛ wo;

wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.

7 Ao Awurade, gye me so ntɛm;

me honhom tɔ piti.

Mfa wʼanim nhinta me

anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.

8 Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,

na mede me ho ato wo so.

Kyerɛ me ɛkwan a memfa so,

na wo na mema me kra so kyerɛ.

9 Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam,

na wo mu na mede me ho hinta.

10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ,

na wo ne me Onyankopɔn;

ma wo honhom pa no

nni me ɛkan wɔ asase tamaa so.

11 Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so;

wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu.

12 Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ;

na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa,

na meyɛ wo ɔsomfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_06-35-37-