Publicidade

Salmos 26

Dawid dwom.

1 Bu me bem, Ao Awurade,

ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:

mede me ho too Awurade so

na manhinhim.

2 Sɔ me hwɛ, Ao Awurade,

hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu.

3 Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daa

na mɛnante wo nokorɛ mu.

4 Me ne nnaadaafoɔ ntena

na me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ.

5 Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔ

na mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena.

6 Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu,

na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade,

7 na mepae mu ka wʼayɛyie

na meka wʼanwanwadeɛ nyinaa.

8 Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade,

baabi a wʼanimuonyam wɔ no.

9 Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ.

Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho,

10 wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam

na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma.

11 Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ.

Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

12 Me nan sisi asase tamaa so;

na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-