Publicidade

Salmos 145

Ayɛyie dwom. Dawid deɛ.

1 Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene;

mɛkamfo wo din daa daa.

2 Ɛda biara, mɛkamfo wo;

na mama wo din so daa daa.

3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ;

obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.

4 Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ;

wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.

5 Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm,

na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.

6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;

na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ.

7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa,

na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.

8 Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ;

ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

9 Awurade yɛ ma obiara;

na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.

10 Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo;

na wʼahotefoɔ bɛma wo so.

11 Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm

na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ

ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.

13 Wʼahennie yɛ daa ahennie,

na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

14 Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase

na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.

15 Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan,

na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.

16 Wobue wo nsam

na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ.

17 Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu;

na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.

18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,

wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.

19 Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn;

ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn.

20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so,

nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.

21 Mʼano bɛkamfo Awurade.

Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no

daa daa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-