Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 110

Dawid dwom.

1 Awurade ka kyerɛɛ me Wura ,

"Tena me nifa so

kɔsi mede wʼatamfoɔ

bɛyɛ wo nan ntiasoɔ."

2 Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion;

na wobɛdi ɔhene wʼatamfoɔ so.

3 Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu

ɛda a wobɛkɔ sa.

Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ

na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn

sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.

4 Awurade aka ntam

na ɔrensesa nʼadwene:

"Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ

te Melkisedek sɛso."

5 Awurade wo nifa so;

ɔbɛdwerɛ ahemfo nʼabufuhyeɛ da no.

6 Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano;

na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa.

7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo

enti ɔbɛdi nkonim.

Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo,

na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também