Publicidade

Salmos 100

Ayɛyie Dwom.

1 Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa

2 Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade;

momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim.

3 Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;

ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea;

yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan.

4 Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu

na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ;

momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.

5 Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa;

ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-