Publicidade

Salmos 146

1 Monkamfo Awurade.

Ao me ɔkra, kamfo Awurade!

2 Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa;

mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi.

3 Mommfa mo ho nto mmapɔmma so,

adasamma a wɔrentumi nnye nkwa.

4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu,

saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa.

5 Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn,

deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.

6 Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ,

ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa

Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ daa no.

7 Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,

na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.

Awurade gyaa nneduafoɔ,

8 Awurade ma anifirafoɔ hunu adeɛ.

Awurade pagya wɔn a wɔakom.

Awurade dɔ teneneefoɔ.

9 Awurade hwɛ ahɔhoɔ so

na ɔwowa nwisiaa ne akunafoɔ,

na amumuyɛfoɔ akwan deɛ, ɔdane ani.

10 Sion, Awurade wo Onyankopɔn di ɔhene daa daa,

wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Monkamfo Awurade.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-