Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 109

Dawid dwom.

1 Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ,

mmua wʼano,

2 na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔ

atu wɔn ano agu me so;

wɔde atorɔ tɛkrɛma akasa atia me.

3 Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia

na wɔto hyɛ me so a menkaa wɔn.

4 Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka,

nanso meyɛ obi a ɔpɛ mpaeɛbɔ.

5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,

na wɔde ɔtan tua me nnamfoyɛ so ka.

6 Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;

na Satan nnyina ne nsa nifa so.

7 Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni ,

na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ.

8 Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;

na ɔfoforɔ nsi nʼanan mu ɔkandifoɔ.

9 Ma ne mma nyɛ nwisiaa

na ne yere nyɛ okunafoɔ.

10 Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ;

ma wɔmpam wɔn mfiri wɔn afie a abubuo no mu.

11 Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa;

na amanfrafoɔ mfom nʼadwuma so aba.

12 Mma obiara nhunu no mmɔbɔ

Mma obiara nhunu ne nwisiaa nso mmɔbɔ.

13 Ma nʼase nhye,

na wɔn din nyera awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu.

14 Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne Awurade anim;

na ne maame bɔne no ntena daa.

15 Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,

na wɔankae wɔn bio asase so.

16 Ɛfiri wannwene da ɔbɛyɛ adɔeɛ,

na mmom ɔtaa ahiafoɔ

mmɔborɔfoɔ ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ de kɔɔ owuo mu.

17 Nʼani gyee ɔbɛdome

enti nnome mmra ne so;

wampɛ ɔbɛhyira

enti nhyira mmɔ no.

18 Ɔhyɛɛ nnome atadeɛ;

ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu nsuo,

ne ne nnompe mu ngo.

19 Ma ɛnyɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho,

ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa.

20 Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ,

wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.

21 Nanso, wo Ao Asafo Awurade,

wo din enti, wo ne me nni no yie;

firi wʼadɔeɛ mu gye me.

22 Ɛfiri meyɛ ohiani ne deɛ onnibie,

na mʼakoma atɔ baha me mu.

23 Metwam anwummerɛ sunsumma;

wɔwoso me kyene ntutummɛ.

24 Abuadadie ama me kotodwe mu agogo;

mafɔn na ama aka me nnompe.

25 Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ;

wohunu me a, wɔwoso wɔn ti.

26 Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn;

gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.

27 Ma wɔnhunu ɛyɛ wo nsa,

na wo na woayɛ, Ao Awurade.

28 Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira;

wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase,

nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye.

29 Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho;

na akyekyere wɔn ho atadeɛ.

30 Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ;

mɛkamfo no nnipadɔm mu.

31 Ɛfiri , ɔgyina onnibie nsa nifa so

ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também