Publicidade

Salmos 99

1 Awurade di ɔhene,

momma amanaman no ho mpopo;

ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam,

ma asase nwoso.

2 Awurade a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ;

wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu.

3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no.

Ɔyɛ kronkron.

4 Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee,

woama pɛpɛyɛ atim;

wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene

wɔ Yakob mu.

5 Momma Awurade, yɛn Onyankopɔn so

na monsɔre no wɔ ne nan ntiasoɔ anim;

ɔyɛ kronkron.

6 Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfoɔ no ho,

na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho;

wɔfrɛɛ Awurade,

na ɔgyee wɔn so.

7 Ɔfiri omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn;

wɔdii mmara ne ahyɛdeɛ a ɔmaa wɔn no so.

8 Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn,

wogyee wɔn so;

woyɛɛ bɔnefakyɛ Onyankopɔn maa Israel,

nanso wɔtwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.

9 Momma Awurade yɛn Onyankopɔn so

na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so,

na Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-