Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 76

Asaf dwom.

1 Wɔnim Onyankopɔn Yuda;

ne din so Israel.

2 Ne ntomadan si Salem,

ne tenaberɛ Sion.

3 Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya,

ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu.

4 Wo ho hann no hyerɛn,

na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no.

5 Mmarima akokoɔdurufoɔ deda a wɔagye wɔn ho nneɛma,

wɔadeda awufoɔ nna;

na akofoɔ no mu baako mpo

ntumi mpagya ne nsa.

6 Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no

apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.

7 Wo nko ara na ɛsɛ wɔsuro woɔ.

wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim?

8 Wobuu atɛn firii soro,

asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn,

9 ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn,

de gyee amanehunufoɔ asase no so.

10 Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo,

na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.

11 Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn no na monni so;

momma nsase a atwa ne ho ahyia

mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ wɔsuro noɔ no.

12 Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase;

na asase so ahemfo suro no.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde ma Yedutun.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também