Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 85

Kora mma dwom.

1 Ao Awurade wohunuu wʼasase mmɔbɔ;

wode Yakob ahonyadeɛ sane maa no.

2 Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔn

na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.

3 Wode wʼabofuo too nkyɛn

na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho.

4 Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ,

na ma wʼani nnye yɛn ho.

5 Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa?

Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa?

6 Worenhyɛ yɛn den bio,

na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wo mu anaa?

7 Ao Awurade, kyerɛ yɛn wo a ɛnsa da no,

na ma yɛn wo nkwagyeɛ no.

8 Mɛtie deɛ Awurade Onyankopɔn bɛka.

Ɔde asomdwoeɛ hyɛ ne nkurɔfoɔ, ahotefoɔ no ,

enti ɛnsɛ wɔsane agyimisɛm ho.

9 Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no,

na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so.

10 Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia,

na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano.

11 Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so,

na tenenee ahwɛ afiri soro.

12 Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara

na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.

13 Tenenee di nʼanim

siesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também