Publicidade

Salmos 132

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Ao Awurade kae Dawid

ne ɔhaw ahodoɔ a ɔgyinaa ano no.

2 Ɔkaa Awurade ntam

na ɔhyɛɛ Yakob Otumfoɔ no bɔ sɛ,

3 "Merenhyɛne me fie

na merenkɔda me mpa so,

4 meremma nna mfa me

na meremma mʼani nkum,

5 kɔsi sɛ menya baabi ama Awurade,

baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena."

6 Yɛtee wɔ Efrata,

yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuo so.

7 "Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ;

momma yɛnsom wɔ ne nan ntiasoɔ hɔ.

8 ‘Ao Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,

wo ne wo tumi Adaka no.

9 Ma tenenee nyɛ sɛ ntadeɛ mma wʼasɔfoɔ;

ma wʼahotefoɔ nto ahurisie dwom.’ "

10 Wo ɔsomfoɔ Dawid enti,

nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.

11 Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,

nokorɛ ntam a ɔrentwe nsane sɛ,

"Wʼasefoɔ no mu baako

na mede no bɛtena wʼahennwa so.

12 Sɛ wo mmammarima di mʼapam so

na wɔtie me nkyerɛkyerɛ a,

ɛnneɛ wɔn mmammarima bɛtena

wʼahennwa so afebɔɔ."

13 Awurade ayi Sion,

ɔde hɔ ayɛ nʼatenaeɛ:

14 "Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;

ɛha na mɛtena adi ɔhene, ɛfiri sɛ ɛha na mepɛ,

15 mede nneɛma pa bebree bɛhyira no

na mama nʼahiafoɔ adidi amee.

16 Mede nkwagyeɛ bɛfira nʼasɔfoɔ

na nʼahotefoɔ ato ahurisie dwom daa.

17 "Mɛma ɔberempɔn bi apue wɔ Dawid ahennie mu

na mede kanea asi hɔ ama deɛ masra no ngo no.

18 Mede aniwuo bɛfira nʼatamfoɔ,

nanso nʼahenkyɛ bɛhyerɛn wɔ ne tiri so."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_10-32-54-