Publicidade

Salmos 126

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no,

yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.

2 Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,

anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.

Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ,

"Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn."

3 Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn

na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma.

4 Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn,

te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no.

5 Wɔn a wɔdua no nisuo mu no

de anigyeɛ nnwom bɛtwa.

6 Deɛ ɔde osu firi adie

na ɔsoa aba kɔdua no,

ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba

a ɔso nnɔbaeɛ afiafi.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-