Publicidade

Salmos 47

Kora mma dwom.

1 Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;

momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn.

2 Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa,

Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!

3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,

na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase.

4 Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn,

deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ.

5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu.

Awurade wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.

6 To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom;

to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom.

7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene.

Monto ahurisie nnwom mma no.

8 Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so

Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so.

9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano

sɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ,

ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea;

na wɔma no so yɛ no kɛseɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_06-50-08-