Publicidade

Salmos 140

Dawid dwom.

1 Ao Awurade gye me firi nnipa bɔne nsam;

bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam,

2 wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma mu

na wɔhwanyane ɔko mu da biara.

3 Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ;

ananka borɔ wɔ wɔn ano.

4 Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam;

bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ a

wɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu.

5 Ahantanfoɔ asum me afidie;

wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu,

wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so.

6 Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, "Wone me Onyankopɔn."

Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su.

7 Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a

wobɔ me tiri ban ɔko da,

8 nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade;

mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie.

9 Wɔatwa me ho ahyia,

nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.

10 Ma nnyasrama ngu wɔn so;

ma wɔnto wɔn ngu ogya mu,

ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio.

11 Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so;

ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ.

12 Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛntenenee

na ɔka onnibie asɛm ma no.

13 Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo din

na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-