Publicidade

Salmos 142

Dawid deɛ. Ɛberɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaeɛbɔ.

1 Meteam mesu frɛ Awurade;

me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ.

2 Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim;

meka me haw kyerɛ no.

3 Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a,

ɛyɛ wo na wonim mʼakwan.

Ɛkwan a menam so no

nnipa asum me afidie wɔ so.

4 Hwɛ me nifa so na hunu sɛ;

mʼasɛm mfa obiara ho;

menni dwanekɔbea bi;

me nkwa mfa obiara ho.

5 Ao Awurade, mesu mefrɛ wo;

mese, "Wone me dwanekɔbea,

me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so."

6 Tie me sufrɛ,

na mewɔ ahohia kɛseɛ mu;

gye me firi mʼataafoɔ nsam,

ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.

7 Yi me firi me nneduadan mu,

na makamfo wo din.

Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia

ɛsiane wo papa a woayɛ me enti.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-