Publicidade

Salmos 67

Dwom.

1 Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn

ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,

2 na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so,

ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.

3 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;

ma nnipa nyinaa nkamfo wo.

4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom,

ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu

na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.

5 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;

ma nnipa nyinaa nkamfo wo!

6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ,

na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.

7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn,

na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-