Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 98

Dwom.

1 Monto dwom foforɔ mma Awurade,

ɛfiri wayɛ anwanwadeɛ bebree;

ne nsa nifa ne ne basa kronkron no

anya nkwagyeɛ ama no.

2 Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ

na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.

3 Wakae nʼadɔeɛ

ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ;

asase ano nyinaa ahunu

yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.

4 Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,

momfa nnwontoɔ nni ahurisie;

5 Momfa sankuo nto dwom mma Awurade,

sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ,

6 momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn,

nteam ahosɛpɛ so Awurade, yɛn ɔhene no anim.

7 Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so;

asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa.

8 Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam,

mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom;

9 ma wɔnto dwom Awurade anim,

ɛfiri ɔreba abɛbu ewiase atɛn.

Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn

na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também