Alma
A alma é a parte mais íntima do ser humano — sede da vida, dos afetos e do encontro com Deus. A Bíblia convida a cuidar da alma com zelo e a aquietá-la diante do Senhor.
A alma diante de Deus
Bendize ao Senhor, ó minha alma! A alma suspira por Deus como a corça suspira pelas águas — com sede de eternidade.
Me kra, kamfo Awurade;
na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn
Mehwehwɛ wo anibere so;
wo ho sukɔm de me kra,
me nipadua ani agyina wo,
wɔ asase a awo na asade nni mu so,
faako a nsu nni.
Me kra, adɛn, na woabotow?
Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.
Me kra wɔ ahomegye wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
me nkwagye fi ne nkyɛn.
Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn,
na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ.
Mʼanofafa de anigye bɛteɛ mu
bere a meto dwom kamfo wo,
me a woagye me no.
Awurade mmara yɛ pɛ,
ɛkanyan ɔkra no.
Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu,
ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.
Na wo na wobɔɔ me honhom
wonwen me wɔ me na awotwaa mu.
Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;
wo nnwuma yɛ nwonwa.
Minim ɛno yiye pa ara.
Awurade, gye me fi atoro ano,
ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.
Cuidar da alma
Que aproveita ao homem ganhar o mundo inteiro e perder a sua alma? Buscar a Deus de toda alma é o caminho da vida.
Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Dɛn na onipa betumi de asi ne kra anan mu?
Yesu buaa no se, " ‘Dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’
Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no.
Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade, mo Nyankopɔn no. Na sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mubehu no.
Monhwɛ yiye na munni mmara a Mose hyɛ maa mo no so. Monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn. Monnantew nʼakwan nyinaa so, munni nʼahyɛde so, munni no nokware na momfa mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa nsom no."
"Ɛrenkyɛ biara mewu, sɛnea obiara kɔ no. Mo koma mu no munim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu!
Mobɛhwehwɛ me na mubehu me, sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a.
Eyi ne nea Awurade se,
"Munnyina nkwantanan no so na monhwɛ;
mummisa tete akwan no,
mummisa faako a ɔkwan pa no da na monnantew so,
na mubenya home ama mo akra.
Nanso mokae se, ‘yɛnnantew so.’
Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm;
ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yare.
Mʼadamfo pa, mebɔ mpae sɛ biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim sɛ wowɔ ahoɔden wɔ honhom fa mu no.