Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 42

Koramma "maskil" dwom.

1 Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no,

saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn.

2 Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no.

Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn?

3 Me nisu ayɛ mʼaduan

awia ne anadwo,

na da mu nyinaa nnipa bisa me se:

"Wo Nyankopɔn he?"

4 Saa nneɛma yi na mekae

bere a mereka me koma mu nsɛm;

sɛnea na midi asafokuw anim,

na yɛde anigye nteɛteɛmu ne aseda nnwom

nantew yuu mu Onyankopɔn fi

afahyɛ da no.

5 Me kra, adɛn, na woabotow?

Adɛn na woayɛ basaa me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

6 Me kra abotow me mu,

enti mɛkae wo

fi Yordan asase so,

Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so.

7 Ebun bun mu

wo nsu a ɛworo gu no nnyigyei mu;

wʼasorɔkye nyinaa

abu afa me so.

8 Adekyee mu, Awurade kyerɛ nʼadɔe,

adesae mu, ne dwom ba me nkyɛn,

mpae a mebɔ srɛ me nkwa Nyankopɔn.

9 Mibisa Onyankopɔn, me Botan no se,

"Adɛn nti na wo werɛ afi me?

Adɛn nti na ɛsɛ menantenantew twa adwo,

mʼatamfo nhyɛso nti?"

10 Me nnompe te ɔdesani yawdi,

mʼahohiahiafo ateetee nti,

daa nyinaa wobisa me se,

"Wo Nyankopɔn he?"

11 Me kra, adɛn, na woabotow?

Adɛn na woayɛ basaa me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

Veja também