Pular para o conteúdo
Publicidade

Amor próprio

Por Bíblia Online

O amor próprio saudável reconhece o valor que Deus nos deu. Fomos criados à imagem de Deus, maravilhosamente formados. Aceitar-se é honrar o Criador.

Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;

wo nnwuma nwonwa.

Minim ɛno yiye pa ara.

Onyankopɔn, wo nsusuwii som bo ma me!

woka ne nyinaa mu a, ɛtrɛw dodo!

mise mɛkan a,

ne dodow bɛboro mpoano nwea,

minyan a,

me ne wo ara.

mehwɛ wo ɔsorosoro,

wo nsateaa ano adwuma;

ɔsram ne nsoromma a

wode obiara asi nʼafa a,

onipa ne hena a wokae no,

na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo

na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.

Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu

na ɔma onnibi so fi nso siw so;

ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,

wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu.

Nanso Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, "Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, efisɛ mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛnea nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ nea aniwa hu, na Awurade de, ɔhwɛ koma mu."

Na mo de, moyɛ nnipa a wɔapaw, asɔfodi mu adehye, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu.

Wɔntɔn nkasanoma anum nnye sika kakraa bi? Nanso Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da. Mo tinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, efisɛ mosom bo sen nkasanoma pii.

Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka kyerɛ mo nyinaa se, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛnea ɛsɛ modwene, na mmom monnwene mo ho ahobrɛase mu, na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so.

Seja o primeiro