Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 21

Nabot Bobeturo

1 Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ofi Yesreel bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfi. 2 Ahab ka kyerɛɛ Nabot se, "Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeturo, efisɛ ɛbɛn mʼahemfi pɛɛ. wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na nso wopɛ a, bo biara a asase no di no, metua."

3 Nanso Nabot buae se, "Awurade mma ɛmpare me mede mʼagyanom agyapade bɛma wo."

4 Enti Ahab san kɔɔ ahemfi a ne bo afuw ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdae a wannidi, de nʼanim kyerɛɛ ɔfasu.

5 Ne yere Isebel bebisaa no se, "Adɛn nti na woayɛ bosaa saa? Adɛn nti na wompɛ wudidi?"

6 Obuaa no se, "Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no se, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene."

7 Ne yere Isebel bisae se, "Wonyɛ Israelhene ana? Sɔre na didi! Mma eyi nhaw wo. Megye Nabot bobeturo no ama wo!"

8 Na Isebel kyerɛw nkrataa Ahab din mu, de ne nsɔwano sɔw ano, de kɔmaa mpanyimfo ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no. 9 Krataa no mu nsɛm ne :

"Yi da bi to a wɔde bɛyɛ akɔnkyen, na ma Nabot ntena anuonyambea nnipa no mu. 10 Monhwehwɛ ahuhufo baanu na wɔmmɔ no kwaadu , wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfi adi, nkosiw no abo nkum no."

11 Enti mpanyimfo ne atitiriw a wɔte Nabot kurow no mu no yɛɛ nea Isebel kaa nkrataa no mu wɔnyɛ no. 12 Wofii akɔnkyen no ase, de Nabot tenaa anuonyambea nnipa no mu. 13 Na ahuhufo baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu nnipa no anim , wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti wɔde no kɔɔ kurotia, kosiw no abo kum no. 14 Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, "Wɔasiw Nabot abo, ama wawu."

15 Bere a Isebel tee wɔasiw Nabot abo, akum no no ara , ɔka kyerɛɛ Ahab se, "Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu." 16 Enti ɛhɔ ara, Ahab sian kɔfaa Nabot bobeturo no.

17 Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia , 18 "na kohyia Israelhene Ahab a odi Samaria so no. Mprempren ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. 19 Ka kyerɛ no se, Ɛnnɔɔso wukum Nabot? Ɛsɛ wobɔ no korɔn nso? Nea woayɛ yi nti beae a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo mogya, Yiw, wʼankasa wo mogya!’ "

20 Ahab ka kyerɛɛ Elia se, "Woahu me, me tamfo."

Obuae se, "Yiw maba bio efisɛ woatɔn wo ho ama ɔbɔnefo no Awurade ani so. 21 Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhyew wʼasefo nyinaa, na matwa ɔbarima a otwa to koraa Israel, ɔyɛ akoa anaa ɔdehye, afi Ahab ho. 22 Mɛma wo fi ayɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi, efisɛ woahyɛ me abufuw ama Israel ayɛ bɔne!

23 "Na Isebel nso, Awurade ka se, Yesreel akraman bɛwe ne nam kuropɔn no afasu ho.

24 "Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wowuwuu kurow no mu no nso, akraman bɛwe wɔn nam, na apete nso asosɔw wɔn a wowuwuu wuram no nam."

25 (Obiara nni a ɔtɔn ne ho maa bɔne Awurade ani so, sɛnea Ahab yɛe no, efisɛ ne yere Isebel tuu no fo bɔne. 26 Ɔyɛɛ bɔne ara, kosii ɔkɔɔ ahoni so, te Amorifo21.26 Din Amorifo no gyina hɔ ma Palestinafo a na wɔte hɔ dedaw ansa na Israelfo reba no (1 Mose 15.15; 2 Mose 23.23; 5 Mose 1.7). a Awurade pam wɔn Israelfo anim no).

27 Ahab tee saa asɛm yi no, osunsuan ne ntade mu, furaa atweaatam, kyenee kɔm. Ofuraa atweaatam no saa de awerɛhow a emu den kyinkyinii.

28 Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia , 29 "Woahu sɛnea Ahab brɛɛ ne ho ase mʼanim? Esiane ɔbrɛɛ ne ho ase nti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ ma no nnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmabarima so; mɛsɛe nʼasefo nyinaa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também