Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 1

Dawid Nkwakoraabere

1 Bere a Ɔhene Dawid bɔɔ akwakoraa posoposo no, wɔde ntama ahe kuru ne ho koraa a, entumi nka no hyew koraa. 2 Enti nʼafotufo kae se, "Momma yɛmpɛ ɔbabun bi mma ɔhene na ɔtena ne ho nhwɛ no. Ɔbɛda ne kokom, na ama yɛn wura ɔhene ho ayɛ no hyew."

3 Enti wokyin ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbea hoɔfɛfo bi. Wokonyaa Abisag a ofi Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no. 4 Na ɔyɛ ɔbabea hoɔfɛfo, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso ɔhene no amfa ne ho anka no.

Adoniya Si Ne Ho Hene

5 Saa bere no mu Dawid babarima Adoniya1.5 Adoniya na na ɔyɛ Dawid babarima a ɔto so anan (2 Sam 3.4) a na wadi bɛyɛ mfe aduasa anum. Na Amnon, Absalom ne Kileab (a owui ne mmofraase no) nyinaa awuwu. a na wɔfrɛ ne na Hagit no yɛɛ ahomaso kaa se obesi ne ho hene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akwakoraa no anan mu. Enti ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twee nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim. 6 Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteɛɛ no da, mpo obebisa no se, "Dɛn na woreyɛ yi?" Na Adoniya ɔbarima hoɔfɛfo. Ɔno na na odi Absalom akyi awo mu.

7 Adoniya gyee Seruia1.7 Na Seruia yɛ Dawid nuabea. babarima Yoab ne ɔsɔfo Abiatar1.7 Na Abiatar yɛ Ahimelek nenabarima. too mu, na wɔn nso penee wɔbɛboa no ama wadi ɔhene. 8 Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ wɔboa Adoniya na odi hene no bi ne ɔsɔfo Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifo Natan, Simei, Rei ne Dawid ho bammɔfo.

9 Adoniya kɔɔ Sohelet Bo a ɛbɛn En-Rogel asuti ho. Ɛhɔ na ɔde nguan, anantwi ne anantwi mma bɔɔ afɔre. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuabarimanom nyinaa, ɔhene Dawid mmabarima no, ne Yuda adehye mpanyimfo. 10 Nanso wamfrɛ odiyifo Natan anaa Benaia anaa ɔhene ho bammɔfo anaa ne nuabarima Salomo.

11 Na odiyifo Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo na no nkyɛn kobisaa no se, "Wunim Hagit babarima Adoniya asi ne ho hene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee? 12 wopɛ wunya wo ti didi mu, na wugye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotu yi. 13 ɔhene Dawid nkyɛn ntɛm so, na kobisa no se, Me wura, ɛnyɛ wo na wohyɛɛ me , me babarima Salomo na da bi obedi wʼade ɔhene, na watena wʼahengua no so? Na adɛn nti na Adoniya ayɛ ɔhene?14 Na bere a wugu so ne no rekasa no, mɛba abesi asɛm biara a woaka no so dua."

15 Na Batseba kɔɔ ɔhene pia mu. Afei, na wabɔ akwakoraa posoposo a Abisag na na ɔhwɛ no. 16 Batseba kotow no, na ɔhene no bisaa no se, "Dɛn na menyɛ mma wo?"

17 Obuaa no se, "Me wura, wugyina Awurade, wo Nyankopɔn, anim hyɛɛ me , me babarima Salomo na obedi wʼade, na watena wʼahengua so. 18 Nanso mprempren de, Adoniya na wabɛyɛ ɔhene foforo a mpo, wunnim ho hwee. 19 Ɔde anantwi ne anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne Yoab a ɔyɛ asraafo no sahene no. Nanso wanto nsa amfrɛ wo somfo Salomo bi. 20 Na me wura ɔhene, Israel nyinaa retwɛn nea wobɛkyerɛ onni wʼade ɔhene. 21 Na woanyɛ biribi na wunya wo kra akyi a, wɔbɛyɛ me ne me ba Salomo amumɔyɛfo."

22 Ogu so ne no rekasa no ara na, odiyifo Natan beduu . 23 Ɔhene afotufo no ka kyerɛɛ no se, "Odiyifo Natan aba ha, na ɔpɛ ohu wo." Natan kɔɔ mu kɔkotow ɔhene no.

24 Obisae se, "Me wura, woayɛ wʼadwene Adoniya na onni wʼade, na ɔntena wʼahengua so ana? 25 Nnɛ, ɔde anantwi, anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa maa wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ asraafo so sahene no ne ɔsɔfo Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teɛteɛ mu se, Ɔhene Adoniya nkwa so!26 Na me a meyɛ wo somfo no, wanto nsa amfrɛ me; saa ara nso na wamfrɛ ɔsɔfo Sadok, Yehoiada babarima Benaia ne Salomo nso. 27 Ɛyɛ nokware me wura ayɛ saa a wamma nʼasomfo no mu biara ante onipa a obedi nʼade ɔhene no ho hwee?"

Dawid Si Salomo Ɔhene

28 Dawid kae se, "Momfrɛ Batseba mma me." Na ɔbaa ɔhene anim begyinaa .

29 Na ɔhene hyɛɛ se, "Mmere dodow a Awurade a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu da so te ase yi, 30 nnɛ, mehyɛ mmara , wo babarima Salomo na obedi ade ɔhene, na ɔbɛtena mʼahengua so, sɛnea mekaa ntam kyerɛɛ wo Awurade, Israel Nyankopɔn, anim no." 31 Na Batseba san kotow no bio, na ɔteɛɛ mu se, "Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!"

32 Na ɔhene Dawid hyɛɛ se, "Momfrɛ ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me." Wɔbaa ɔhene anim no, 33 ɔhene ka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa Salomo ne me mpanyimfo no nkɔ Gihon asuti no ho. Salomo ntena mʼafurumpɔnkɔ so. 34 Ɛhɔ na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan bɛsra no ngo Israelhene. Monhyɛn torobɛnto, na monteɛteɛ mu se, Ɔhene Salomo nkwa so!35 Na mosan de no ba ha a, ɔbɛtena mʼahengua so. Obedi mʼade ɔhene, efisɛ mayi no ɔnyɛ ɔhene Israel ne Yuda so."

36 Yehoiada babarima Benaia gyee so se, "Amen! Awurade a ɔyɛ me wura, ɔhene Nyankopɔn no mmara no mmra mu saa. 37 Na Awurade nka Salomo ho sɛnea ɔkaa wo ho no, na Salomo ahenni nyɛ yiye nkyɛn wo de no mpo."

38 Enti ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan ne Yehoiada babarima Benaia ne ɔhene ho bammɔfo faa Salomo de no kɔɔ Gihon asuti no ho a, na Salomo te ɔhene Dawid afurumpɔnkɔ so. 39 Ɛhɔ na ɔsɔfo Sadok faa ngotoa1.39 Ngo a wɔbɔ din wɔ ha yi yɛ ngo a wɔbɔɔ din wɔ Ɛksodɔs mu (2 Mose 30.22-33) no. fii ntamadan1.39 Ntamadan no yɛ ntamadan a Dawid yɛ maa Apam Adaka no. Nhyiamu Ntamadan a wosii no nweatam so no da so wɔ Gibeon (3.4; 2 Sam 6.17). kronkron mu behwie guu Salomo tirim. Afei, wɔhyɛn torobɛnto maa nnipa no nyinaa teɛteɛɛ mu se, "Ɔhene Salomo nkwa so!" 40 Na nnipa no nyinaa san ne Salomo kɔɔ Yerusalem a wɔrebɔ mmɛn, di ahurusi. Na anigye ne ahosɛpɛw ne nteɛteɛmu no ano yɛɛ den ara kosii , wɔn nne no wosow asase.

41 Adoniya ne nʼahɔho tee osebɔ ne nteɛteɛmu bere a wɔreyɛ awie wɔn aponto no. Yoab tee torobɛnto nne no, obisae se, "Na asɛm bɛn na asi? Na adɛn nso na kurow no mu ayɛ gyegyeegye yi?"

42 Bere a ogu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfo Abiatar babarima no kɔɔ . Adoniya ka kyerɛɛ no se, "Bra mu, efisɛ woyɛ onipa papa. Minim asɛm pa wʼano."

43 Yonatan buae se, "Dabi da! Mprempren ara, yɛn wura ɔhene Dawid, asi Salomo ɔhene. 44 Ɔhene no maa ɔne ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan, Yehoiada babarima Benaia a ɔhene ho bammɔfo rebɔ wɔn ho ban, kɔɔ Gihon asuti ho. Wɔmaa no tenaa ɔhene afurumpɔnkɔ so, 45 na Sadok ne Natan sraa no ngo ɔhene foforo. Wɔreba ara ni, na kurow mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no nkyerɛase ara ne no. 46 Afei, mprempren, Salomo te ahengua so ɔhene. 47 Adehye mpanyimfo nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no mo, kae se, Onyankopɔn mma Salomo ahenni nhyeta nkyɛn wo de no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛse nsen wo de no!Na ɔhene sii ne ti ase yii Awurade ayɛ, bere a na ɔda ne mpa mu, 48 na ɔkaa saa nsɛm yi, Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, a nnɛ da yi wayi obi ɔntena mʼahengua so bere a mete ase, na mihu nea ɛrekɔ so nyinaa.’ "

49 Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔho no nyinaa de hu gyee bum, fii aponto no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan. 50 Na Adoniya no ankasa suro Salomo, enti oguan kɔɔ ntamadan kronkron no mu kosusoo mmɛn a esisi afɔremuka no so no mu. 51 Ankyɛ na Salomo tee Adoniya akosuso mmɛn a esisi afɔremuka no so, na ɔresrɛ se, "Momma Salomo nsua nkyerɛ nnɛ yi ara, na wankum me!"

52 Salomo buae se, "obedi me nokware de a, wɔrenhaw no. Na wanyɛ saa de a, wobekum no." 53 Enti ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no fi afɔremuka no so kɔe. Ɔkotow ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no se, "fie."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também