Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 24

Dawid Kan Nnipa

1 Bio, Awurade abufuw baa Israel so nti, ɔhyɛɛ Dawid ɔmfa nnipakan so nhaw wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid , "na kɔkan Israelfo ne Yudafo nyinaa."

2 Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab se, "Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, efi Dan a ɛwɔ atifi fam, de besi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam, na ama mahu nnipa dodow a wɔwɔ ha."

3 Na Yoab buaa ɔhene no se, "Awurade mma wo ntena ase kosi nnipa a wɔwɔ wʼahenni yi mu ase bɛterɛw mmɔho ɔha. Na adɛn nti na wopɛ woyɛ eyi?"

4 Na ɔhene no hyɛɛ no ketee , wɔnkan nnipa nti, Yoab ne nʼadwumayɛfo kɔkan nnipa a wɔwɔ Israel.

5 Nea edi kan no, wotwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kurow a ɛwɔ obon no anafo a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser, 6 toaa so koduu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu. 7 Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifo ne Kanaanfo24.7 Hewifo ne Kanaanfo nyinaa tenaa Kanaan ansa na Israelfo rebedi ɔman no so. nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafo, koduu Beer-Seba de wiei.

8 Wowurawuraa asase no nyinaa so, de asram akron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, san kɔɔ Yerusalem.

9 Yoab de ne nnipa dodow a wonyae brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔadu sogyadi mfe so Israel no dodow mpem ahanwɔtwe, na mpem ahannum nso Yuda.

Dawid Bɔne So Atemmu

10 Dawid kan nnipa no nyinaa wiei no, nʼahonim buu no , nti ɔka kyerɛɛ Awurade se, "Nea meyɛe yi nti, mayɛ bɔne. Enti Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbu yi fi wo somfo so. Mayɛ nkwaseade."

11 Ade kyee no, Awurade asɛm baa odiyifo Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo nkyɛn se: 12 "Kɔka kyerɛ Dawid , Sɛnea Awurade se ni: Mede nsɛm abiɛsa reto wʼanim. Yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ "

13 Enti Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kobisaa no se, "Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfe abiɛsa ana? Anaa, atamfo a wogu wo so no wubeguan wɔn asram abiɛsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo man yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yiye, na ma minhu mmuae a memfa nkɔma Awurade."

14 Dawid ka kyerɛɛ Gad se, "Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, efisɛ nʼadɔe dɔɔso; nanso mma me nkɔtɔ nnipa nsam."

15 Enti Awurade tow ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma edii nnansa. Na nnipa mpem aduɔson fii Dan kosi Beer-Seba wuwui. 16 Bere a ɔbɔfo no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no se, "Eye! Gyae." Saa bere no na Awurade bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea .

17 Bere a Dawid huu ɔbɔfo no, ɔka kyerɛɛ Awurade se, "Me na mayɛ bɔne. Eyinom de wonnim ho hwee, dɛn na wɔayɛ? Ma wo bɔfo nsɛe me ne me fifo."

Dawid Si Afɔremuka

18 Da no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "na kosi afɔremuka ma Awurade Yebusini Arauna awiporowbea ."

19 Na Dawid kɔyɛɛ nea Awurade hyɛɛ no ɔnyɛ no. 20 Bere a Arauna huu ɔhene ne ne mmarima reba no, opue bɛkotow ɔhene, de nʼanim butuw fam.

21 Arauna bisae se, "Adɛn nti na woaba, me wura?"

Dawid buae se, "Merebɛtɔ awiporowbea , na masi afɔremuka ama Awurade, sɛnea Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae."

22 Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, "Me wura fa na fa nea wopɛ. Nantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua ne nantwi mpamho nnua no ayɛ nnyina afɔremuka no so. 23 Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ se, Awurade, wo Nyankopɔn nnye afɔre yi."

24 Na ɔhene no buaa Arauna se, "Dabi da, mepɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, me Nyankopɔn, a mammɔ ho ka biara."

Enti Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahannum aduoson anum (575) de tɔɔ awiporowbea ne nantwi no. 25 Dawid sii afɔremuka maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre . Na Awurade tiee ne mpaebɔ maa ɔyaredɔm no gyaee.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também