Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 11

Dawid Ne Batseba

1 Asusowbere a edi so no mu, bere a ɛsɛ ahemfo ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel asraafo nyinaa wɔnkɔsɛe Amonfo. Wokotuaa kuropɔn Raba ano, na Dawid de, ɔkaa Yerusalem.

2 Da bi anwummere a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre fii ne mpa so nantew faa nʼahemfi no atifi. Ogyina no, ohuu ɔbea bi ɔreguare. Na ɔbea no ho yiye; 3 na Dawid somaa obi onkobisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkae se, "Ɛyɛ Eliam babea Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere." 4 Na Dawid tuu abɔfo wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no dae. (Odwiraa ne ho fii ne nsabu mu no, na ɛnkyɛe.) Afei, ɔsan kɔɔ fie. 5 Bere a Batseba huu wanyinsɛn no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ Dawid.

6 Enti Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Fa Hetini Uria brɛ me." 7 Bere a Uria duu Dawid nkyɛn no, obisaa gyinabea a Yoab ne asraafo no mu ne sɛnea ɔko no rekɔ so. 8 Na ɔka kyerɛɛ Uria se, "fie na kɔhome." Na mpo, Uria fii ahemfi no, Dawid soma ma wɔde akyɛde bi kɔmaa no. 9 Nanso Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfo no bi tenaa ahemfi pon no ano.

10 Bere a Dawid tee nea Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no se, "Dɛn na ɛhaw wo? Wufii fie akyɛ na adɛn na woankɔ nnɛra anadwo?"

11 Uria buae se, "Apam Adaka no ne Israel asraafo ne Yuda tete ntamadan mu, na Yoab nso ne ne mpanyimfo abɔ atenae wuram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ fie akɔnom nsa, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam se merenyɛ eyi na madi ho ."

12 Na Dawid ka kyerɛɛ no se, "Eye, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ asraafo no mu." Enti Uria tenaa Yerusalem da no ne nʼadekyee. 13 Na Dawid frɛɛ no adidi ne ɔnom aponto, na ɔmaa no nsa ma ɔbowee. Na ɛno mpo, Uria ankɔ fie ankohu ne yere. Ɔdaa ahemfi no kwan ano bio.

Dawid Hyehyɛ Uria Wu Ho

14 Ade kyee anɔpa no, Dawid kyerɛw krataa maa Uria ɔmfa nkɔma Yoab. 15 Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab se, "Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano den pa ara. Wo de, san wʼakyi, sɛnea ɛbɛyɛ a, wobekum no."

16 Enti Yoab maa Uria kogyinaa baabi a ɛbɛn kurow no fasu, a ɛhɔ na onim atamfo no mmarima a wɔyɛ den no reko. 17 Ɛhɔ na wokum Hetini Uria ne Israel asraafo no bebree.

18 Na Yoab de ɔsa mu amanneɛ kɔbɔɔ Dawid. 19 Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfo no se, "Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene. 20 Nanso ebia ne bo befuw, ama wabisa se, Adɛn nti na asraafo no kɔbɛn kurow no pɛɛ saa? Na wonnim wɔbɛtow agyan afi afasu no mu? 21 Ɔbeabasia antow awiyammo ammɔ Gideon babarima Abimelek Tebes ankum no?Afei, monka nkyerɛ no se, wɔakum Hetini Uria nso."

22 Enti abɔfo no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amanneɛ kyerɛɛ Dawid sɛnea Yoab somaa no ɔnkɔka no. 23 Abɔfo no ka kyerɛɛ Dawid se, "Mmarima no bu faa yɛn so, na wotiaa yɛn petee mu de, nanso yepiaa wɔn kɔɔ kurow no pon ano. 24 Ɛhɔ na agyantowfo tow wʼasomfo fii ɔfasu ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwui. Na wo somfo Hetini Uria nso awu."

25 Dawid ka kyerɛɛ abɔfo no se, "Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu de obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na munni kuropɔn no so nkonim."

26 Bere a Batseba tee ne kunu awu no, osuu no. 27 Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fi. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na nea Dawid yɛe no ansɔ Awurade ani.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também