Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 20

Seba Atuatew

1 Ɔtɔkwapɛfo bi a na wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ofi Benyamin babarima, hyɛn torobɛnto teɛɛ mu se,

"Yɛne Dawid nni hwee .

Yenni agyapade biara Yisai babarima no nkyɛn. Israel mmarima,

mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!"

2 Enti Israel mmarima gyaw Dawid , kodii Seba akyi. Nanso Yuda mmarima no de, wɔtenaa wɔn hene nkyɛn, na wɔwowaw no fi Asubɔnten Yordan ho, kosii Yerusalem.

3 Bere a oduu nʼahemfi Yerusalem no, ɔhyɛɛ ne mpenanom du a ogyaw wɔn no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kokoa mu baabi. Na ɛsɛ wɔma wɔn wɔn ahiade nyinaa, nanso ɔne wɔn renna bio. Enti wɔn mu biara tenaa ase okunafo, kosii ne wuda.

4 Ɔhene no hyɛɛ Amasa ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda asraafo ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa bere no mu. 5 Enti Amasa kɔbɔɔ asraafo no amanneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no.

6 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, "Saa ɔtɔkwapɛfo Seba no rebɛhaw yɛn asen nea Absalom haw yɛn no. Fa mʼakofo no, na taa no ansa na waguan akɔbɔ ne ho aguaa hintabea nkurow no mu baabi a yɛn nsa renka no." 7 Enti Abisai ne Yoab yiyii awɛmfo a wodi mu fii Yoab asraafo ne ɔhene no ankasa de mu de tiw Seba.

8 Na woduu Gibeon ɔbo kɛse no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotade a ɔde afoa abɔ nʼataaso. Otuu nten kɔɔ nʼanim ɔrekokyia Amasa no, afoa no fii boha no mu tɔɔ fam. 9 Yoab bisaa no se, "Me nua, wo ho te dɛn?" Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa soo nʼabogyesɛ mu, nea ɔrefew nʼano. 10 Amasa anhu afoa no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de afoa no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia Yoab betia ne so koraa, na Amasa wui. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaw no , toaa so tiw Bikri babarima Seba.

11 Yoab asraafo no mu aberante a ɔyɛ panyin nsraadɔm no so no mu baako teɛɛ mu kyerɛɛ Amasa asraafo no se, "Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ommedi Yoab akyi." 12 Amasa daa ne mogyabura mu ɔkwan no mfimfini. Na ɔbarima no huu asraafo no adu a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no fii ɔkwan no mu, de no too wuram, de atade kataa ne so. 13 Woyii Amasa fii ɔkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba.

14 Saa bere no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fifo Bikrifo ano Abel-Bet-Maaka. 15 Yoab asraafo no duu no, wɔtow hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wosisii mpie kurow no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban fii atamfo ho na wɔpempem afasu no, pɛɛ wodwiriw gu. 16 Na ɔbea nyansafo bi teɛɛ mu fi kurow no mu se, "Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no." 17 Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na obisaa no se, "Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?"

Obuae se, "Yiw."

Ɔkae se, "Tie asɛm a wʼafenaa ɔka no."

Obuae se, "Meretie."

18 Ɔkae se, "Tete no, na yɛka se, Yɛrekɔpɛ afotu Abel.19 Yɛpɛ asomdwoe ne nokware Israel. Wopɛ wosɛe kurow a adi nokware Israel. Adɛn nti na wopɛ wosɛe ade a ɛyɛ Awurade dea?"

20 Yoab buae se, "Ɛnyɛ mepɛ mesɛe wo kuropɔn. 21 Nea merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ofi Efraim bepɔw so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mefi kurow no mu."

Ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab se, "Wɔbɛtow ne ti afi ɔfasu no so ama wo."

22 Afei, ɔbea no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wotwaa Bikri babarima Seba ti, tow maa Yoab. Enti ɔhyɛn torobɛnto maa ne mmarima no hwetee, maa obiara kɔɔ ne fi. Na Yoab san kɔɔ ɔhene nkyɛn Yerusalem.

23 Yoab bɛyɛɛ Dawid asraafo no so sahene bio.

Na Yehoiada babarima Benaia nso ɔhene bammɔfo so panyin.

24 Adoram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so,

na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima no kyerɛw ahemfo ho abakɔsɛm.

25 Na Sewa asennii kyerɛwfo.

Na Sadok ne Abiatar nso asɔfo.

26 Ɛnna Yairini Ira nso Dawid sɔfo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também