Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 14

Absalom San Ba Yerusalem

1 Na Yoab huu ɔhene ohu Absalom. 2 Enti ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi a wagye din yiye brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no se, "Hyɛ da wo ho wowɔ ayi mu, na fura ayitam. Nguare anaa mfa aduhuam mpete wo ho nso. wo ho ɔbea a wadi awerɛhow nna bebree. 3 Na ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no." Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ ɔbea no kɔka no kyerɛɛ no.

4 Na Tekoani bea no duu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuw fam teɛɛ mu se, "Ao Nana! Boa me!"

5 Ɔhene no bisaa no se, "Ɛyɛ asɛm bɛn?"

Obuaa no se, "Meyɛ okunafo. 6 Me mma baanu twaa wɔn ho koe, a na obiara nni a ɔbɛpata wɔn. Ɔbaako bɔɔ ɔbaako kum no. 7 Nanso abusua no nkae no kae se, Ma yɛn nsa nka wo ba no a okum ne nua no na yenkum no bi na wammedi agyapade so.Na meyɛ saa nso a, na minni obiara a waka, na me kunu din ne me fi bɛyera asase so ha."

8 Ɔhene ka kyerɛɛ no se, "Gyae asɛm no ma me. fie na mɛhwɛ obiara remfa ne nsa nka no."

9 Ɔkae se, "Me wura, meda wo ase. Mmoa a wode ama me yi nti, obi kasa tia wo a, mɛfa ho sobo no."

10 Ɔhene no kae se, "Mma eyi nhaw wo. nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me ha. Na metumi ama wo awerehyɛmu , obiara renwiinwii ho bio."

11 Afei, ɔbea no kae se, "Fa Awurade, wo Nyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me , woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Menhwehwɛ mogyahwiegu bio."

Ɔhene no nso kae se, "Mmere dodow a Awurade te ase yi, wo ba no tinwi a ɛwɔ ne ti so mu baako mpo ho renka."

12 Afei, ɔbea no kae se, "Ma wo somfo nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene."

Obuae se, "so kasa."

13 Ɔbea no bisae se, "Adɛn nti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea wɔahyɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho woasi saa gyinae yi. Wompɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asu no ba fie. 14 Nea ɛte biara no, obiara bewu. Na sɛnea nsu hwie gu fam a wosesaw a ɛnyɛ yiye no, saa ara na nkwa te. Ɛno nti na Onyankopɔn san de yɛn ba ne nkyɛn bere a yɛatew yɛn ho afi ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ woyɛ saa.

15 "Na maba merebedi ama me babarima, efisɛ wɔde owu hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho se, Ebia, ɔhene betie me, 16 na wagye yɛn afi wɔn a wobetwa yɛn afi Onyankopɔn nkurɔfo ho no nsam.

17 "Yiw, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoe bio. Minim wote Onyankopɔn bɔfo a wubetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Awurade, wo Nyankopɔn, nka wo ho.’ "

18 Ɔhene no ka kyerɛɛ ɔbea no se, "Mepɛ mihu ade baako; mfa nhintaw me."

Ɔbea no kae se, "Ɛyɛ dɛn asɛm, me wura?"

19 "Yoab na ɔsomaa wo ha ana?"

Ɔbea no buae se, "Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa eyi ho atoro? Obiara ntumi mfa biribiara nhintaw wo. Ɛyɛ nokware Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka. 20 Ɔyɛɛ saa, sɛnea mɛfa ɔkwan foforo so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wunim nyansa te Onyankopɔn bɔfo, na biribiara a esi yɛn ntam ha no nso, wote ase."

21 Enti ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab bae, na ɔka kyerɛɛ no se, "Eye, na kɔfa aberante Absalom bra."

22 Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no se, "Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisade ama me."

23 Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24 Nanso ɔhene hyɛe se, "Absalom tumi ɔno ankasa ne fi, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha." Enti Absalom anhu ɔhene no.

Absalom Ne Dawid Nkabom

25 Israel nyinaa, na obiara nni a ne ho , te Absalom. Efi ne ti so kosi ne nan ase, na wuhu ɔyɛ ɔbarima ankasa. 26 Afe biara, na oyi ne ti pɛnkoro, efisɛ ne nwi no adesoa ma no. Na oyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram abien ne fa.

27 Na ɔwɔ mmabarima baasa ne ɔbabea baako. Na ne babea no din de Tamar. Na Tamar nso ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.

28 Absalom tenaa Yerusalem mfe abien a wanhu ɔhene no da. 29 Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ. 30 Ɛno nti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfo se, "Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokofuw a ɛbɛn me de no ho mu." Na wɔde ogya kɔtoo afuw no mu, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn wɔnyɛ no.

31 Na Yoab baa Absalom nkyɛn bebisaa no se, "Adɛn nti na wʼasomfo akɔto mʼafuw mu gya?"

32 Na Absalom buaa no se, "Efisɛ na mepɛ wukobisa ɔhene ma me , adɛn nti na ɔmaa me san fii Gesur bae, nanso ɔmpɛ ohu mʼanim koraa? Ɛno de, anka metenaa me dedaw mu ara a, anka eye. Ma minhu ɔhene no, na midi biribi ho a, otumi kum me."

33 Enti Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a watew ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom beduu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid few nʼano.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também