Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 17

1 Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom se, "Meyi asraafo mpem dumien, na mafi ha anadwo yi akɔtaa Dawid. 2 Mɛto no bere a ɔbrɛ nti, nʼaba mu abu. Ɔne nʼakofo nyinaa bɛbɔ hu na wɔaguan. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe, 3 na mede nnipa no asan abrɛ wo. Onipa a wohwehwɛ no no wu bɛma wɔn nyinaa asan aba; nnipa no mu biara ho rentɔ kyima." 4 Saa nhyehyɛe yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa ani.

Husai Tia Ahitofel Afotu Mu

5 Nanso Absalom kae se, "Momfrɛ Husai a ofi Arki no mmra na yentie nea ɔwɔ ka." 6 Husai bae no, Absalom kaa nea Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei obisaa no se, "Wʼadwene ne dɛn? Yɛmfa Ahitofel afotu no ana? Na ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene."

7 Husai buaa Absalom se, "Afotu a Ahitofel ama wo no nnye saa bere yi. 8 Wunim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofo akɛse, na wɔn ho hu sisi a wɔawia ne mma. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de akodi mu; ɔne nʼakofo no rentena anadwo yi. 9 Sesɛɛ mpo, wakɔtɛw ɔbodan bi mu anaa baabi foforo. Na odi kan tow hyɛ mo so a, nea ɔbɛte biara no bɛka se, Wɔakunkum asraafo a wodi Absalon akyi no.10 Na ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a ne koma te gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim wʼagya ɔkofo, na wɔn a wɔka ne ho no nso koko duru.

11 "Enti mitu wo fo , boa Israel nyinaa ano, efi Dan kosi Beer-Seba. Woyɛ saa a wubenya asraafo a wɔn dodow bɛyɛ mpoano nwea. Na migye di wʼankasa bedi asraafo no anim. 12 Na yehu Dawid a, yɛbɛtow ahyɛ no so, sɛnea obosu gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka. 13 Na Dawid aguan kuropɔn bi so a, wode Israel asraafo nyinaa bɛkɔ . Afei, yebetumi afa ntampehama de atwe kurow no afasu, akogu obon a ɛbɛn mu, kosi ɔbo biara a ɛwɔ mu no bɛyam."

14 Afei, Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa kae se, "Husai afotu no ye sen Ahitofel de no." Efisɛ Awurade ahyehyɛ Ahitofel afotu pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.

Husai Dawid Kɔkɔ Onguan

15 Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar. 16 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no se, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworoe so anadwo yi. Ɛsɛ otwa sare no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakofo nyinaa bewuwu."

17 Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kurow no mu na wɔnnsan mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛe bi abaawa bi de nkra a ɛsɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn. 18 Nanso abarimaa bi huu wɔn wɔrefi En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn nti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na woguan kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kosiee abura bi a ɛwɔ nʼadiwo mu. 19 Ɔbarima no yere de ntama kataa abura no so, de atoko guu so te sɛnea ɔrehata no owia so, na obiara ansusuw nnipa hyɛ abura no mu.

20 Bere a Absalom mmarima no duu no, wobisaa ɔbea no se, "Woahu Ahimaas ne Yonatan ana?"

Obuaa wɔn se, "Na wɔwɔ ha de, nanso wɔatwa asuwa no ." Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhu wɔn nti, wɔsan kɔɔ Yerusalem.

21 Afei mmarima baanu no fii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ se, "Fi ha twa asu no ntɛm anadwo yi!" Wɔkaa Ahitofel afotu a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no. 22 Enti Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kotwaa Yordan. Eduu adekyee no, na obiara atwa Yordan nʼagya.

23 Ahitofel huu nʼanim agu ase, efisɛ wɔamfa nʼafotu no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yiye, na ɔkɔsɛn ne ho. Enti owu ma wosiee no nʼagya ɔda mu.

24 Ankyɛ na Dawid duu Mahanaim. Saa bere no na Absalom aboaboa Israel asraafo no nyinaa ano a odi wɔn anim rekotwa Asubɔnten Yordan. 25 Absalom yii Amasa de no tuaa asraafo no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no anan mu. Amasa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babea, na ɔyɛ Seruia nuabea, a ɔyɛ Yoab na ba. 26 Israelfo no ne Absalom tenaa Gilead asase so.

27 Na Dawid duu Mahanaim no, Nahas a ofi Raba babarima Sobi Amonni no, kyiaa no fɛw so. Saa ara na Amiel a ofi Lo-debar babarima Makir17.27 Saa Makir yi ara na ogyee Mefiboset (Yonatan ba bubuafo) no ne no tenaa Lo-debar no. ne Gileadni Barsilai a ofi Rogelim nso gyee no fɛw so. 28 Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atoko, asikresiam, nkyewe, asɛ ne asedua, 29 ɛwo ne nufusu ani srade ne anantwi nufusu a akyenkyen mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na wɔkae se, "Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɔkɔm ne osukɔm de mo efisɛ moanantew kwan tenten sare so."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também