Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 4

Is-Boset Wu

1 Bere a Is-Boset tee Abner awu Hebron no, nʼaba mu bui, na saa ara nso na ne nkurɔfo no bɔɔ huboa. 2 Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofo no. Na wɔyɛ Rimon a ofi Benyamin fi Beerot kurow mu no mmabarima. Wɔfa no kurow Beerot ka Benyamin ho, 3 efisɛ wɔn a na wɔte Beerot mmere bi no guan kɔɔ Gitaim a wɔda so te ahɔho de besi nnɛ yi.

4 Na Saulo babarima Yonatan ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafo fi ne mmofraase. Wokum Saulo ne Yonatan Yesreel akono no, na abofra no adi mfe anum. Bere a ɔko no ho asɛm duu kurow no mu no, obi a ɔhwɛ abofra no kyekyeree no de no guanee. Nanso bere a ɔreguan no, ɔhwee ase maa abofra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafo.

5 Da bi, Beerotni, Rimon mmabarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fi awia bere mu a na ɔregye nʼahome. 6 Wowuraa mu kɔɔ ne pia mu te sɛnea wɔrekɔpɛ awi, kɔwɔɔ ne yafunu mu afoa. Afei Rekab ne Baana wiawiaa wɔn ho guanee.

7 Ansa na wɔbɛkɔ no, wotwaa ne ti bere a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kotwaa Yordan bon no, nantew anadwo mu no nyinaa kɔe. 8 Wɔde Is-Boset ti no brɛɛ Dawid Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, "Wo tamfo Saulo a anka ɔrehwehwɛ wo akum wo no babarima Is-Boset ti ni. Nnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua."

9 Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana se, "Mmere dodow a Awurade a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokware akyerɛ mo. 10 Bere a onipa bi bɛka kyerɛɛ me se, Saulo awua na osusuw ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kum no Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no. 11 Na akatua bɛn na memfa mma amumɔyɛfo a wɔakum obi a ne ho nni asɛm ne fi bere a ɔda ne mpa so? Ɛnsɛ mibisa ne mogya fi mo nsam ana?"

12 Enti Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wokunkum wɔn. Wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan, na wɔde asin no sensɛn Hebron ɔtare ho. Na wɔfaa Is-Boset ti no kosiee no Abner ɔboda mu Hebron.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também