Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 15

Abiyam Di Yuda Man So

1 Yeroboam dii ade Israel ne mfe dunwɔtwe so no, Abiyam bɛyɛɛ Yudahene. 2 Odii hene Yerusalem mfe abiɛsa. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Absalom babea.

3 Nʼagya bɔne a ɔyɛe nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na ne koma nni Awurade ne Nyankopɔn mu; wansɛ ne nena Dawid. 4 Nanso esiane Dawid nti, Awurade, ne Nyankopɔn maa nʼasefo kwan ma wɔkɔɔ so dii ade, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a obedi nʼade Yerusalem. 5 Na Dawid ayɛ nea eye Awurade ani so. Odii Awurade ahyɛde so ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.

6 Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. 7 Nsɛm a aka a esisii Abiyam ahenni mu ne nea ɔyɛe no, wɔankyerɛw Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Ɔko daa Abiyam ne Yeroboam ntam bere biara. 8 Na Abiyam wui no, wosiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼade ɔhene.

Asa Di Yuda Man So

9 Yeroboam dii hene Israel ne mfe aduonu so no, Asa bedii hene Yuda. 10 Odii hene Yerusalem mfe aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nenabea Maaka a na ɔyɛ Absalom babea. 11 Asa yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea ne nena Dawid yɛe no. 12 Ɔpam nsɔree so so nguamanfo nyinaa fii asase no so, na oyiyii ahoni a nʼagyanom yɛe no nyinaa. 13 Na mpo, otuu ne nenabea Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwade. Asa twaa dua no na ɔhyew no Kidron bon mu. 14 Ɛwɔ mu wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa kɔɔ so de ne koma hyɛɛ Awurade mu nʼasetena nyinaa mu. 15 Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too din de maa Awurade Asɔredan no bae.

16 Na akokoakoko Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. 17 Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama bammɔ sɛnea obi ntumi nni ahyɛmfiri Yudahene Asa asase so. 18 Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa Awurade Asɔredan no adekoradan mu ne nea na ɛwɔ ahemfi no adekoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanyimfo no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na odi hene Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho: 19 "Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔremfa ne nsa nka me."

20 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼakofo, ma wɔkɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii nkurow Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. 21 Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa . 22 Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa se ɔhwehwɛ obiara bɛboa asoa adansi abo ne nnua a na Baasa de reyɛ bammɔdwuma Rama no afi . Asa de saa bammɔ nneɛma no kyekyeree kurow Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa nso.

23 Asa ahenni ho nsɛm nkae ne nea ne tumi kodui no, ne nkurow a ɔkyekyeree no nyinaa din no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Mmom, ne nkwakorabɔ mu no, ɔyaree ne nan. 24 Bere a Asa wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bedii nʼade ɔhene.

Nadab Di Hene Israel

25 Yeroboam babarima Nadab fii ase dii ade Israel bere a na ɔhene Asa adi ade Yuda mfe abien mu. Odii ade Israel mfe abien. 26 Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Odii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, som abosom sɛnea na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no.

27 Na Ahiya babarima Baasa a ofi Isakar abusuakuw mu no pam Nadab ti so, kum no bere a na ɔne Israel asraafo akyere nsraban, retua Filistifo kurow Gibeton ano no. 28 Baasa kum Nadab ɔhene Asa adedi Yuda mfe abiɛsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a odi .

29 Ntɛm ara, okunkum ɔhene Yeroboam asefo nyinaa a adehye abusua no mu baako koraa anka, sɛnea Awurade nam odiyifo Ahiya a ofi Silo ahyɛ afa Yeroboam ho no. 30 Saa asɛm yi sii, efisɛ Yeroboam di a odii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw.

31 Nadab ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 32 Na akokoakoko Asa ne Israelhene Baasa ntam.

Baasa Di Israel So Hene

33 Ahiya ba Baasa fii ase dii Israel so ɔhene Asa adedi Yuda no mfe abiɛsa mu. Baasa dii ade fii Tirsa mfe aduonu anan. 34 Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim yɛe no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também