Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 6

Salomo Si Asɔredan No

1 Mfe ahannan aduɔwɔtwe a wogyee Israelfo fii nkoasom mu Misraim no a na Salomo nso adi Israel so hene mfe anan no ɔsram Sif6.1 Ɔsram Sif no yɛ Kɔtɔnimma. Sif no yɛ ɔsram a ɔto so abien wɔ Yudafo asram mu. mu no, ofii ase sii Awurade Asɔredan no.

2 Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tenten mu anammɔn aduɔkron, ne trɛw anammɔn aduasa na ne sorokɔ anammɔn aduanan anum. 3 Ntwironoo a ɛda asɔredan no anim no tenten anammɔn aduasa, a ɛne asɔredan no ntrɛwmu . Na ne trɛw nso anammɔn dunum. 4 Salomo yɛɛ mfɛnsere ɔfasu no soro hyiae. 5 Asɔredan no fasu no akyi no nso, wosisii adan bebree bataa ho hyiae. 6 Na ɛyɛ aban a ɛtoa so abiɛsa a ase dan no trɛw mu anammɔn ason ne fa. Aban a ɛto so abien no trɛw anammɔn akron na apampamu dan no trɛw anammɔn du ne fa. Wɔde mpuran a egugu dannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasu no mu na aka adan no abatabata ɔfasu no ho. Enti ɛkyerɛ wɔamfa mpuran no anhyehyɛ ɔfasu no ankasa mu.

7 Na abo a wɔde sii asɔredan no nso, wosiesiee ho abopaebea nti, ɔdan no si no, obi ante asae, pɛe anaa dade biara nnyigyei ɔdansibea .

8 Na ɔkwan a wɔde ase adan no mu no da Asɔredan no anafo fam. Atrapoe kyinkyimii na wɔforo ɔdan a ɛto so abien no so na foforo nso adan a ɛto so abien ne abiɛsa no ntam. 9 Wowiee asɔredan no si no, Salomo de nnua ne sida mpuran yɛɛ ani nsamso no. 10 Sɛnea wɔaka no, na adan wowɔ ɔdan no afanan nyinaa a wɔnam sida so de abata Asɔredan no afasu no ho. Ɔdan no mu biara sorokɔ anammɔn ason.

11 Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo se, 12 "Saa Asɔredan a woresi yi de, woyɛ osetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛe, na wudi me hyɛ nsɛm so a, menam wo so bedi a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so. 13 Mɛtena Israel manfo mu, na merempa me nkurɔfo akyi da."

Asɔredan No Mu Asiesie

14 Na Salomo wiee asɔredan no si. 15 Na emu nyinaa, efi fam kosi nsamso no, wɔde nnua na ɛkataa fasu no anim. Wɔde sida na ɛkataa ɔfasu no anim, na wɔde ɔpepaw kataa abrannaa no so. 16 Otwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ kronkron mu kronkron asɔredan no ti mu pɛɛ. Na ɛhɔ ntwemu anammɔn aduasa a wɔde sida asam fam , de kosi ani nsɛmee no so. 17 Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne tenten mu anammɔn aduosia. 18 Wɔde sida na ɛsam abo afasu a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wosen ntoa fɛfɛ ne nhwiren de dii nsɛmee no ani adwinni.

19 Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde Awurade Apam Adaka no besi. 20 Saa kronkron mu kronkron no, na ne tenten mu anammɔn aduasa na ne trɛw anammɔn aduasa, na ne sorokɔ nso anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ6.20 Sikakɔkɔɔ no kyerɛ Onyankopɔn anuonyam. ankasa duraa nʼafasu ne ne nsamso no ho nyinaa. Saa ara na oduraa afɔremuka a wɔde sida ayɛ no ho. 21 Afei, asɔredan no mu nkae no, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa sam nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɔkwan a wɔde kronkron mu kronkron , de bɔɔ ano ban. 22 Enti ɔde sikakɔkɔɔ duraa Asɔredan no ho nyinaa,6.22 Ɔde sikakɔkɔɔ duraa aduhuamyɛfo afɔremuka no mu (7.48; 2 Mose 37.25-28). kronkron mu kronkron ne afɔremuka no nyinaa ho, de wiei.

23 Kronkronbea mu , ɔde ngodua sen kerubim abien a emu biara sorokɔ anammɔn dunum, de sisii . 24 Kerubim baako biara ntaban mu trɛw anammɔn dunum a, ntaban baako biara tenten anammɔn ason ne fa. 25 Na kerubim abien no nyinaa tebea ne wɔn kɛse 26 a ɔbaako biara sorokɔ anammɔn dunum. 27 Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho asɔredan kronkronbea mu . Wɔn ntaban mu trɛw no fi ɔfasu baako kɔka ɔfasu baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɔdan no mfimfini. 28 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa kerubim abien no ho.

29 Na kronkronbea mu afasu ne ɔdan mu no, odii adwinni a ɛyɛ kerubim mmedua ne nhwiren guu ho. 30 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan abien no abrannaa so.

31 Ɔkwan a wɔfa so kronkronbea mu no, Salomo de ngodua yɛɛ apon abien a emu biara twɔtwɔw anum. 32 Saa apon no ho nso, na wɔadi kerubim, mmedua ne nhwiren adwinni, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 33 Afei, ɔde ngodua yɛɛ apongua a emu biara twɔtwɔw anan a wɔfa asɔredan no mu. 34 Ɔde ɔpepaw nnua yɛɛ apon abien a wɔbobɔw, na wosii ɔpon no biara ɔkwan bi so , emu biara tumi bobɔw gu ɛno ara so. 35 Wɔde kerubim, mmedua ne nhwiren adi saa apon yi ho adwinni, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.

36 Wosii adiwo afasu no a sida nnua mmeaso baako abo a wɔatwa ntotoso abiɛsa biara so.

37 Wɔtoo Awurade Asɔredan fapem no ɔsram Sif (a ɛte Kɔtɔnimma) mfimfini a saa bere no na Salomo adi hene mfe anan no. 38 Wowiee ɔdan no ho biribiara ɔsram Bul6.38 Ɔsram Bul no yɛ Yudafo ɔsram awotwe a ɛrekɔ Ahinime mu. mfimfini no a na wadi hene mfe dubaako. Enti mfe ason na wɔde sii asɔredan no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também