Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Ahemfo 16

1 Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa , 2 "Mepagyaw wo fii mfutuma mu, de wo tuaa me nkurɔfo Israel ano. Nanso wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfo Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛɛ no hyɛɛ me abufuw. 3 Enti merebɛsɛe Baasa ne ne fi, na mɛyɛ wo fi te Nebat babarima Yeroboam de. 4 Wɔn a wobewuwu kurow no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no de, akraman bɛwe wɔn nam. Na wim nnomaa na wɔbɛsosɔw wɔn a wobewuwu wuram no."

5 Na Baasa adedi ne ɛho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nkɔso no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 6 Baasa wui no, wosiee no Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼade ɔhene.

7 Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifo Yehu so baa Baasa ne ne fifo so, esiane bɔne dodow a na wayɛ Awurade ani so no nti. Saa nneyɛe no hyɛɛ Awurade abufuw. Na ɔyɛɛ sɛnea ɔyɛɛ Yeroboam fi no ara , efisɛ Baasa nso sɛee Yeroboam fi.

Ela Di Israel So Hene

8 Baasa babarima Ela fitii ase dii Israel so Tirsa a saa bere no, na ɔhene Asa adi ade Yuda mfe aduonu asia. Odii hene Israel mfe abien.

9 Na Simri, a na ɔyɛ ɔsafohene adehye nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔw obekum Ela. Da bi, Ela bow nsa Arsa a na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo no fi Tirsa. 10 Simri kɔɔ de ade kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wui. Saa asɛm yi sii ɔhene Asa adedi Yuda no afe a ɛto so aduonu ason mu. Enti Simri bɛyɛɛ ɔhene a odi so.

11 Ɛhɔ ara, Simri kunkum Baasa adehye abusua no mu nnipa nyinaa a wannyaw ɔbarima baako koraa; na wanhwɛ ɔyɛ obusuani anaa adamfo mpo. 12 Simri sɛee Baasa ahenni nnidiso no, sɛnea na Awurade afa odiyifo Yehu so ahyɛ no. 13 Eyinom sii esiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodow a wodii Israel anim ma wɔyɛɛ no nti. Wɔde wɔn abosom huhuw hyɛɛ Onyankopɔn abufuw.

14 Ela ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?

Simri Di Israel So Hene

15 Simri tenaa Tirsa dii ade Israel, bere a na ɔhene Asa adi ade Yuda mfe aduonu ason mu, nanso odii ade nnanson . Bere a Israel asraafo a na wɔrekɔtow ahyɛ Filistifo kurow Gibeton so no 16 tee Simri akum ɔhene no, woyii ɔsahene Omri de no dii ade wɔn hene foforo. 17 Enti Omri dii Israel asraafo anim, fi Gibeton kotuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkurow no. 18 Bere a Simri huu wɔafa kurow no, ɔkɔɔ ɔhene atenae ne fi, na ɔhyew ne ne ho frae, maa owui ogyatannaa no mu. 19 Na ɔno nso ayɛ bɔne Awurade ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛe no so.

20 Simri adedi ho nsɛm nkae ne ne pɔw bɔne a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?

Omri Di Israel So

21 Na afei, na Israelfo no mu akyɛ abien. Na nnipa no mu fa wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so hene, na ɔfa a aka no nso gyinaa Omri akyi. 22 Nanso Omri akyidifo no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifo no so. Enti wokum Tibni, maa Omri dii ɔhene.

23 Omri fi ase dii hene Israel, bere a ɔhene Asa adi ade Yuda mfe aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, odii ade mfe dumien a ɔde emu asia tenaa Tirsa. 24 Na Omri tɔɔ bepɔw bi a mprempren wɔfrɛ no Samaria fii ne wura Semer nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia awotwe. Ɔkyekyeree kurow so, na ɔtoo kurow no din Samaria, de hyɛɛ Semer anuonyam. 25 Nanso Omri yɛɛ bɔne Awurade ani so, na mpo, ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no de. 26 Odii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no. Ɔde eyi hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn, abufuw.

27 Omri adedi ho nsɛm nkae no ne nea ne tumi ano kosi ne ne dwuma a odii no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 28 Omri wui no, wosiee no Samaria. Na ne babarima Ahab na odii nʼade ɔhene.

Ahab Di Israel So Hene

29 Omri ba Ahab fii ase dii Israel so hene bere a na ɔhene Asa adi ade Yuda mfe aduasa awotwe mu. Odii ade Samaria mfe aduonu abien. 30 Nanso Ahab yɛɛ bɔne Awurade ani so. Mpo, na ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no nyinaa mu biara de. 31 Na ɔyɛɛ nea Yeroboam yɛɛ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfohene Etbaal babea, na ofii ase som Baal, sɔree no. 32 Nea edi kan no, osii abosomfi ne afɔremuka maa Baal Samaria. 33 Afei, osii Asera dua. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw sen ahemfo a wɔadi nʼanim Israel no nyinaa.

34 Ahab ahenni so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ofi Bet-El san kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wui. Na otintim abɔntenpon de wiee no nso, ne kaakyiri Segub nso wui. Eyi nyinaa sisii, sɛnea asɛm a efi Awurade nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kae no te.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também